Psalms 45

Koramma dwom. Ayeforohyia dwom.


1 Botae bi a edi mu akanyan me koma
bere a merebɔ ɔhene mmran no;
me tɛkrɛma yɛ ɔkyerɛwfo kunini bi kyerɛwdua.


2 Wudi mu koraa wɔ mmarima mu
na wɔde adom bi asra wʼano,
esiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no nti.

3 Fa wʼafoa bɔ wo nkyɛn mu, okokuroko;
fa anuonyam ne kɛseyɛ fura.

4 Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdi so
wɔ nokware, ahobrɛase ne trenee mu;
ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwonwa no adi.

5 Ma wo bɛmma nnamnam no nhwirew ɔhene atamfo koma mu;
na ma amanaman nhwe wʼanan ase.

6 Ao Onyankopɔn, wʼahengua no bɛtena hɔ daa daa;
trenee ahempema bɛyɛ wʼahenni no ahempema.

7 Wodɔ trenee na wukyi bɔne.
Ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn de wo asi wo mfɛfo so,
na ɔde anigye ngo asra wo.

8 Kurobow, pɛprɛ ne bɛwewonua hua agye wo batakari mu nyinaa;
sanku so nnwom a efi ahemfi a wɔde asonse asiesie ho mu
ma wʼani gye.

9 Ahemfo mmabea ka wo mmea atitiriw ho;
wo nsa nifa so na ayeforo dehye a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina.


10 Ɔbabea tie, dwene ho, na yɛ osetie;
ma wo werɛ mfi wo nkurɔfo ne wo papa fi.

11 Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani;
di no ni, efisɛ ɔno ne wo wura.

12 Tiro Babea de ayɛyɛde bɛba;
mmarima adefo bɛdɛfɛdɛfɛ wo.


13 Ɔhene babea a ɔwɔ ne pia mu no yɛ onuonyamfo
wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatade yuu mu.

14 Ɔhyɛ ntade a wɔadi mu adwinni na wɔde no kɔma ɔhene;
ne mfɛfo mmabun di nʼakyi
na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo.

15 Wɔde ahosɛpɛw ne anigye kɔ mu;
wɔhyɛn ɔhempɔn no ahemfi.


16 Wo mmabarima besi wʼagyanom anan mu
wobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa.

Mɛma wɔakae wo wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu;
ɛno nti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

17
Copyright information for TwiAKNA